24“Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔhunu sɛ ɔbaa no ayɛ biribi a ɛnyɛ ma enti ɔmpɛ no bio+ a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa+ nhyɛ ɔbaa no nsam na ɔmma no mfiri ne fie nkɔ.+
50Deɛ Yehowa aka nie: “Awaregyaeɛ krataa+ a mede gyaa mo maame no wɔ he?+ Anaasɛ wɔn a mede wɔn ka no mu hwan na metɔn mo maa no?+ Mo ara mo mfomsoɔ+ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔapamo mo maame.+