12 Na mɛfa Yuda nkaeɛ a wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔtena Egypt sɛ ahɔhoɔ+ no, na wɔn nyinaa ase bɛtɔre wɔ Egypt asase so.+ Wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na ɛkɔm+ bɛma wɔn ase ahye, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so; nkrantɛ ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo. Wɔbɛyɛ nnome ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora.+