4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde egya ahye.+