Yeremia
43 Berɛ a Yeremia kaa Yehowa, wɔn Nyankopɔn nsɛm nyinaa a Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no ɔman no nyinaa nkyɛn wieeɛ no,+ 2 Hosaia+ ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfoɔ+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Atosɛm na woreka yi.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo yɛn nkyɛn sɛ, ‘Monntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ.’+ 3 Na Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom tia yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kaldeafoɔ nsa bɛka yɛn na wɔakunkum yɛn anaa wɔde yɛn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon.”+
4 Na Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm+ antena Yuda asase so.+ 5 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔfiri aman a wɔbɔɔ wɔn hwetee soɔ no so baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yuda asase soɔ no nyinaa,+ na wɔkɔeɛ; 6 mmarima ne wɔn yerenom ne mmɔfra nkumaa ne ɔhene mma mmaa+ ne ɔkra biara a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa no Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ nkyɛn no ne odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk.+ 7 Na wɔkɔɔ Egypt+ asase so, na wɔantie Yehowa asɛm; wɔkɔeɛ ara kɔduruu Tapanes.+
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanes sɛ: 9 “Tase aboɔ akɛseɛ, na fa kɔhunta dɔteɛ mu wɔ birikisi a ɛsam Farao fie pono ano no mu wɔ Tapanes, Yuda mmarima no anim.+ 10 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadresar,+ m’akoa+ no aba, na aboɔ a mede ahunta yi so na mede n’ahennwa bɛsie, na ɔbɛtrɛ ne ntomadan kɛseɛ mu wɔ so. 11 Na ɔbɛba abɛyɛ Egypt+ asase pasaa. Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no bɛkɔ owuyareɛ mu. Deɛ ɔsɛ nkoasom no bɛkɔ nkoasom mu. Na deɛ ɔsɛ nkrantɛ no bɛkɔ nkrantɛ ano.+ 12 Na mede gya bɛto Egypt+ anyame no afie mu, na ɔbɛhye na ɔde wɔn akɔ nkoasom mu, na wafira Egypt asase sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ntoma+ no, na ɔbɛfiri hɔ akɔ asomdwoeɛ mu. 13 Na ɔbɛbubu Bet-Semes a ɛwɔ Egypt asase soɔ no adum pasaa, na ɔde gya bɛhye Egypt anyame no afie.”’”