16 ɛnneɛ me nso mɛyɛ deɛ ɛdi soɔ yi de atwe mo aso: Mede nsamanwa+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo ani asɛe+ na mo kra ago.+ Mobɛdua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, ɛfiri sɛ mo atamfo na wɔbɛdie.+
21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnneɛ hwɛ deɛ ɛbɛsie berɛ a mede m’atemmudeɛ huhuuhu nnan yi+—nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyareɛ+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afiri soɔ no.+