“Me nuanom ne me man, montie me. Me deɛ, na ɛda m’akoma so+ sɛ mɛsi homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ,+ na mesiesiee me ho sɛ mɛsi.+
13 “Lebanon animuonyam nyinaa bɛba wo so, na ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhorɔ nyinaa bɛba prɛko+ ama me kronkronbea ayɛ fɛ;+ na mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.+