7 me nso mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron so+ na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.+ Wɔbɛgye wɔn hyeɛ afɔrebɔdeɛ+ ne wɔn ayɛyɛdeɛ+ nyinaa wɔ m’afɔrebukyia so.+ Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+
2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔ so, Yakob Nyankopɔn fie,+ na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan+ na yɛanante n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara bɛfiri aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+