7 Na mɛma wɔanya akoma a wɔde bɛhu me+ sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+
23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mɛte me din kɛseɛ+ a wɔguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a moguu ho fĩ wɔ wɔn mfimfini no ho, na sɛ amanaman no hunu sɛ mate me din ho wɔ mo mu a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.+