5 Bio nso, ɔnyaa akokoɔduro, na ɔtoo afasuo a adwiri aguo+ no nyinaa, na ɔsisii abantenten+ wɔ so; ɔsan too afasuo foforɔ kuro no akyi,+ na ɔsiesiee Milo*+ a ɛwɔ Dawid Kuro mu no; afei ɔyeyɛɛ akodeɛ+ bebree ne akyɛm.+
14 Ɛno akyi no, ɔtoo fasuo foforɔ wɔ Dawid Kuro+ no akyi+ wɔ Gihon+ atɔeɛ fam, subɔn no ho de kɔsii Mpataa Pono+ no ho, na ɔde twaa Ofel+ ho hyiaeɛ maa no kɔɔ soro tenteenten. Afei nso ɔde asahene totoo Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa ano.+