36 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woagyaa w’akɔnnɔ bɔne mu,+ na woayi w’adagya+ so ne w’adɔfo+ ne w’abosom fĩ+ abɔ adwaman, na wode wo mma mogya ama wɔn+ nti,
37 mɛboaboa wɔn a wɔdɔ wo a wogyee wɔn ani ne wɔn a wodɔ wɔn ne wɔn a wotan wɔn nyinaa ano afiri mmaa nyinaa aba wo so, na mɛyi w’adagya so ama wɔahunu wo ho nyinaa.+