41 Afɔdeɛ hwamhwam no nti, mɛgye mo atom.+ Mɛyɛ yei berɛ a mayi mo afiri aman hodoɔ so na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so no,+ na mobɛma me din ho ate aman anim.’+
23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mɛte me din kɛseɛ+ a wɔguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a moguu ho fĩ wɔ wɔn mfimfini no ho, na sɛ amanaman no hunu sɛ mate me din ho wɔ mo mu a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.+