5 Mɛto wo ne Nil asuasu mu mpataa nyinaa agu serɛ so.+ Na wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu.+ Wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano. Na mede wo bɛma wuram mmoa ne wiem nnomaa sɛ aduane.+
17 “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔdeɛ kɛseɛ a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ soɔ no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+