5 Na ɔka kyerɛɛ Kora ne ne badwafoɔ no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ deɛ ɔyɛ ne dea,+ deɛ ɔyɛ kronkron+ ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na deɛ ɔbɛyi no+ no na ɔbɛba n’anim.
5 “Lewi mma asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+
46 Na adidibea a animu kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia+ no soɔ no dea. Wɔn ne Sadok+ mma a wɔfiri Lewi abusua mu a wɔba Yehowa anim bɛsom no no.”+