8 Afei ɛsiane sɛ Twerɛnsɛm no hunu siee sɛ ɛnam gyidie so na Onyankopɔn bɛbu amanaman mufoɔ bem nti, ɛdii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo nti aman nyinaa bɛnya nhyira.”+
9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+