31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asase atɛn+ wɔ tenenee mu, na wanyane+ no afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”
15 na mewɔ anidasoɔ+ wɔ Onyankopɔn mu, a wɔn nso wɔwɔ saa anidasoɔ no ara bie, sɛ berɛ bi bɛba a wɔn a wɔtene+ ne wɔn a wɔntene+ bɛsɔre afiri awufoɔ mu.+
12 Na mehunuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa,+ sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma no.+ Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+