3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne nnome a afiri adi kɔ asase nyinaa soɔ,+ ɛfiri sɛ obiara a ɔbɔ korɔno,+ sɛdeɛ wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no fã baako mu no, afa ne ho adi. Na obiara a ɔka ntam nso,+ sɛdeɛ wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ ɛfã foforɔ mu no,+ afa ne ho adi.