8 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfoɔ a wɔahweteɛ ano+ no aka nie: “Mɛboaboa nnipa foforɔ ano aka ne nkurɔfoɔ a maboaboa wɔn ano dada no ho ama no.”+
12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan+ a wɔahwete+ da a ɔba wɔn mu no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan. Na mɛyi wɔn afiri baabi a wɔahwete korɔ no nyinaa, mununkum ne esum kabii da no.+
21 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ soɔ no so na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asase so.+