21 Na mebisaa sɛ: “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?”
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom ne mmɛn+ a ɛbɔɔ Yuda hweteeɛ a obiara antumi amma ne tiri soɔ no; na yeinom nso bɛma wɔn ho awoso na wɔatutu aman no mmɛn—aman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase maa wɔbɔ hweteeɛ no.”+