35 Na Yesu kɔkyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa bi.+
23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ gyina fapem+ no so na motintim+ a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa a moteeɛ+ a wɔaka ho asɛm+ wɔ abɔdeɛ+ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu ho anidasoɔ no ho. Saa asɛmpa yi na me Paulo, mabɛyɛ ho ɔsomfoɔ.+