Marko 15:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Ɛnna ɔtɔɔ nwera pa, na ɔyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no+ na ɔde no too ɛda+ a watwa wɔ ɔbotan mu no mu; na ɔmunii ɛboɔ de tweree ɛda no kwan ano.+ Luka 23:53 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 53 Na ɔyii+ no de nwera pa kyekyeree no, na ɔde no too ɛda+ a wɔatwa wɔ ɔbotan mu a onipa biara nnaa mu da mu.+ Yohane 19:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Enti wɔfaa Yesu amu no de nwera a aduhwam no wom kyekyeree+ no sɛdeɛ Yudafoɔ afunsie ho amanneɛ teɛ.
46 Ɛnna ɔtɔɔ nwera pa, na ɔyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no+ na ɔde no too ɛda+ a watwa wɔ ɔbotan mu no mu; na ɔmunii ɛboɔ de tweree ɛda no kwan ano.+
53 Na ɔyii+ no de nwera pa kyekyeree no, na ɔde no too ɛda+ a wɔatwa wɔ ɔbotan mu a onipa biara nnaa mu da mu.+
40 Enti wɔfaa Yesu amu no de nwera a aduhwam no wom kyekyeree+ no sɛdeɛ Yudafoɔ afunsie ho amanneɛ teɛ.