-
Marko 16:8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Na wɔpueeɛ no wɔdwane firii ɛda no so kɔeɛ, ɛfiri sɛ na wɔn ho repopo na awɔse agu wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na wɔabɔ hu.+
ASƐM NO AWIEEƐ A ƐYƐ TIA
Asɛntiaa te sɛ deɛ ɛdi soɔ yi toa Marko 16:8 so wɔ akyire yi nsaano ntwerɛeɛ ne nkyerɛaseɛ ahodoɔ bi mu:
Wɔkaa nneɛma a wɔahyɛ wɔn nyinaa ho asɛm tiawa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Petro nkyɛn no. Bio nso, yeinom akyi no, Yesu no ara de daa nkwagyeɛ ho asɛnka kronkron a ɛmporɔ no somaa wɔn firii apueeɛ kɔɔ atɔeɛ.
-