Asomafoɔ Nnwuma
1 O Teofilo,+ asɛm a ɛdi kan a metwerɛeɛ no, mekyerɛɛ nneɛma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa,+ 2 kɔsii da a wɔfaa no kɔɔ soro,+ berɛ a na ɔnam honhom kronkron so de ahyɛdeɛ ama asomafoɔ a wayi wɔn+ no. 3 Afei nso berɛ a ɔhunuu amane akyi no, ɔnam adanseɛ bebree so de ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase,+ maa wɔhunuu no adaduanan, na ɔkaa Onyankopɔn ahennie ho asɛm.+ 4 Berɛ a ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ sɛ: “Mommfiri Yerusalem,+ na mmom monkɔ so ntwɛn deɛ Agya no ahyɛ ho bɔ+ a motee ho asɛm firii me hɔ no; 5 ɛfiri sɛ Yohane deɛ, nsuo na ɔde bɔɔ asuo, nanso ɛrenni nna pii na wɔde honhom kronkron+ abɔ mo asu.”
6 Afei, berɛ a wɔhyiaam no, wɔbisaa no sɛ: “Awurade, saa berɛ yi na wode ahennie+ no resan asi hɔ ama Israel anaa?” 7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛhunu mmerɛ anaa nna+ a Agya no ahyɛ no ɔno ara ne tumi mu;+ 8 na mmom sɛ honhom kronkron no ba mo so a mobɛnya tumi,+ na mobɛyɛ m’adansefoɔ+ wɔ Yerusalem+ ne Yudea ne Samaria+ nyinaa de akɔ asase ano nohoa.”+ 9 Ɔkaa yeinom wieeɛ a wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so kɔɔ soro+ na mununkum kataa ne ho na wɔanhu no bio.+ 10 Na berɛ a ɔrekɔ+ a wɔrehwɛ wiem haa no, hwɛ! mmarima mmienu bi a wɔhyehyɛ ntade fitaa+ bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn, 11 na wɔkaa sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mogyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ soro yi bɛba sɛdeɛ moahunu sɛ ɔrekɔ soro no ara.”+
12 Ɛnna wɔfirii bepɔ bi a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem so san kɔɔ+ Yerusalem; ɛfiri hɔ rekorɔ no yɛ homeda kwan.*+ 13 Enti, wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu,+ baabi a na wɔteɛ no, Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon a ɔyɛ nsiyɛfoɔ no, ne Yakobo ba Yuda.+ 14 Yeinom nyinaa de akoma korɔ kuraa mpaebɔ mu+ a na mmaa+ bi ne Yesu maame Maria ne afei ne nuanom+ ka ho.
15 Afei nna no mu no, Petro sɔre gyinaa anuanom (nnipakuo a na wɔn nyinaa dodoɔ bɛyɛ ɔha ne aduonu) no mfimfini kaa sɛ: 16 “Mmarima, anuanom, na ɛsɛ sɛ twerɛsɛm a honhom kronkron+ nam Dawid anom so ka sieeɛ no ba mu wɔ Yuda+ a ɔkyerɛɛ wɔn a wɔkyee Yesu+ no kwan no ho,+ 17 ɛfiri sɛ na ɔka yɛn ho,+ na ɔnyaa ɔsom adwuma yi mu kyɛfa.+ 18 (Enti, saa ɔbarima yi de amumuyɔ ho akatua+ tɔɔ+ asase, na berɛ a ne tiri bɛwɔɔ hɔ+ no, ne mu pae maa ne nsono nyinaa pueeɛ. 19 Wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa nso hunuiɛ, enti wɔfrɛɛ asase no wɔn ara kasa mu Akeldama, a aseɛ ne Mogya Asase.) 20 Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma no mu sɛ, ‘Ma ne tenabea nnane amamfõ, na mma obiara nntena hɔ,’+ na ‘Ne hwɛfoɔ adwuma no, ma obi foforɔ nyɛ.’+ 21 Enti mmarima a na wɔne yɛn hyiam berɛ a Awurade Yesu wɔ yɛn ntam a ɔredi akɔneaba+ 22 firi berɛ a Yohane bɔɔ no asu+ kɔsi da a wɔfaa no firii yɛn nkyɛn kɔɔ soro+ no, ɛho hia sɛ saa mmarima yi baako ka yɛn ho yɛ ne wusɔreɛ ho danseni.”+
23 Enti wɔyii wɔn mu mmienu bɛgyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo ne din Yusto no, ne Matia. 24 Na wɔbɔɔ mpaeɛ kaa sɛ: “O Yehowa, wo a wonim nnipa nyinaa akoma mu,+ kyerɛ mmarima mmienu yi mu deɛ woayi no 25 sɛ ɔmfa ɔsom adwuma ne asomafodwuma+ a Yuda wae firii ho faa ɔno ara ne kwan soɔ no.” 26 Enti, wɔbɔɔ wɔn so ntonto,+ na ntonto no sii Matia so; na wɔkan no kaa asomafoɔ dubaako+ no ho.