Mateo 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara,+ na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no,+ na fa ayɛyɛdeɛ+ a Mose hyɛ too hɔ no ma, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.” Marko 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na mprɛ pii no ɔbaraa wɔn sɛ wɔmmma nkurɔfoɔ nnhunu onipa korɔ a ɔyɛ.+ Marko 7:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara;+ nanso ɔrebara wɔn no, afei mpo na na wɔreka ho asɛm.+
4 Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara,+ na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no,+ na fa ayɛyɛdeɛ+ a Mose hyɛ too hɔ no ma, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”