52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfoɔ biara a wɔakyerɛ no ɔsoro ahennie+ ho adeɛ no te sɛ efiewura bi a ɔyi nneɛma foforɔ ne dada adi firi n’akoradeɛ dan mu.”+
45 Onipa pa firi adepa a wakora so n’akomam no mu yi adepa adi,+ na ɔbɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora soɔ mu yi adebɔne adi; ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã aboro soɔ no na ano ka.+
6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.