Marko 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+ Yohane 14:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei nso biribiara a mobɛbisa me din mu no, mɛyɛ, na ama wɔahyɛ Agya no animuonyam Ɔba no mu.+ Yohane 16:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɛbɛsi sɛsɛɛ mommisaa adeɛ baako mpo me din mu. Mommisa na mo nsa bɛka, na mo anigyeɛ ayɛ mã.+ 1 Yohane 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 na biribiara a yɛbisa no,+ yɛnya firi ne hɔ, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.+ 1 Yohane 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ no, ɔtie yɛn.+
24 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+