Mmebusɛm 23:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɛno na wode w’ani ato soɔ, berɛ a ɛyɛ adehunu?+ Ɛfu ntaban te sɛ ɔkɔdeɛ na ɛtu kɔ wiem.+ Marko 10:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika+ no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!”+ Luka 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Yesu hwɛɛ no kaa sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!+ 1 Timoteo 6:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Nanso, wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no hwe sɔhwɛ+ ne fidie ne nkwasea akɔnnɔ+ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.+ 2 Timoteo 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛfiri sɛ seesei wiase nhyehyɛeɛ+ ho dɔ nti, Dema+ agya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia,+ Tito kɔ Dalmatia.
23 Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika+ no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!”+
9 Nanso, wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no hwe sɔhwɛ+ ne fidie ne nkwasea akɔnnɔ+ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.+
10 Ɛfiri sɛ seesei wiase nhyehyɛeɛ+ ho dɔ nti, Dema+ agya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia,+ Tito kɔ Dalmatia.