Mateo 15:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ onipa anom na ɛgu ne ho fĩ, na mmom deɛ ɛfiri onipa anom ba na ɛgu ne ho fĩ.”+ Asomafoɔ Nnwuma 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso Petro kaa sɛ: “Dabi, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a ɛho agu fĩ na ɛho nteɛ biara da.”+ 1 Korintofoɔ 8:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na ɛnyɛ aduane na ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim adom;+ sɛ yɛanni a yɛntɔ sini, na sɛ yɛdi nso a, ɛmma yɛnkyɛn so.+ 1 Timoteo 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+ Tito 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nneɛma nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wɔnnye nnie+ no deɛ, biribiara ho nte, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ.
8 Na ɛnyɛ aduane na ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim adom;+ sɛ yɛanni a yɛntɔ sini, na sɛ yɛdi nso a, ɛmma yɛnkyɛn so.+
4 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+
15 Nneɛma nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wɔnnye nnie+ no deɛ, biribiara ho nte, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ.