Yesaia 53:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔɔ sɛ odwan a wɔrekɔku no,+ na te sɛ odwan a wɔretwitwa ne ho nwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+ Mateo 27:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso wammua no, na wanka asɛm baako mpo, enti ɛyɛɛ amrado no nwanwa paa.+ Yohane 19:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 na ɔkɔɔ amrado aban mu hɔ bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wofiri he?” Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara.+
7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔɔ sɛ odwan a wɔrekɔku no,+ na te sɛ odwan a wɔretwitwa ne ho nwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+