Yesaia 55:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+ Mateo 6:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 fa yɛn aka firi yɛn, sɛdeɛ yɛn nso yɛde afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.+ Mateo 18:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mprɛ nson, na mmom ɛnkɔsi mprɛ aduɔson nson.+ Kolosefoɔ 3:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Sɛ obi wɔ asɛm+ tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora.+ Sɛdeɛ Yehowa de afiri mo+ no, mo nso monyɛ saa ara. 1 Petro 4:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+
7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
13 Sɛ obi wɔ asɛm+ tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora.+ Sɛdeɛ Yehowa de afiri mo+ no, mo nso monyɛ saa ara.