31 Afei ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɛtwa sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na nnansa so wasɔre.+
31 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wɔbɛku no,+ nanso ɛmfa ho sɛ wɔbɛku no no, nnansa akyi ɔbɛnyane.”+
22 na ɔkaa sɛ: “Ɛtwa sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+