21 Ɛfiri saa berɛ no Yesu Kristo firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ ɛtwa sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nsam na wɔku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.+
32 Ná wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwirii wɔn; na wɔn a wɔka ho no firii aseɛ suroeɛ. Afei ɔde dumienu no kɔɔ nkyɛn bio, na ɔfirii aseɛ kaa deɛ ɛtwa sɛ ɛto no no kyerɛɛ wɔn+ sɛ: