7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔɔ sɛ odwan a wɔrekɔku no,+ na te sɛ odwan a wɔretwitwa ne ho nwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+
10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ ɔbɛbubu no,+ na ɔmaa no yareeɛ.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodie afɔdeɛ a,+ ɔbɛhunu n’asefoɔ,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na deɛ ɛsɔ Yehowa ani+ bɛgyina.+