Mateo 27:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!”+ Marko 15:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Pilato san bua see wɔn sɛ: “Ɛnneɛ deɛn na menyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ+ hene+ no?” Yohane 19:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Enti Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafoɔ no teaam kaa sɛ: “Sɛ wogyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Onipa biara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia Kaesare.”+
22 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!”+
12 Enti Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafoɔ no teaam kaa sɛ: “Sɛ wogyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Onipa biara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia Kaesare.”+