Mateo 27:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Bio nso wɔtwerɛɛ soboɔ a wɔbɔɔ no no fam n’atifi sɛ: “Oyi ne Yesu a ɔyɛ Yudafoɔ Hene no.”+ Marko 15:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Na wɔtwerɛɛ soboɔ+ a wɔbɔɔ no no wɔ n’atifi sɛ, “Yudafoɔ Hene no.”+ Yohane 19:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Pilato twerɛɛ asɛm bi nso fam asɛndua no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Yesu Nasareni, Yudafoɔ Hene no.”+