Mateo 27:57 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 57 Afei ɛsiane sɛ na aduru anwummerɛ nti ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso abɛyɛ Yesu suani baa hɔ.+ Marko 15:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Yosef a ɔfiri Arimatea, Badwa* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahennie no baeɛ.+ Ɔde akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+ Yohane 19:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Afei, yeinom akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafoɔ no ho suro+ nti ɔyɛɛ no kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔeɛ.+
57 Afei ɛsiane sɛ na aduru anwummerɛ nti ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso abɛyɛ Yesu suani baa hɔ.+
43 Yosef a ɔfiri Arimatea, Badwa* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahennie no baeɛ.+ Ɔde akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+
38 Afei, yeinom akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafoɔ no ho suro+ nti ɔyɛɛ no kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔeɛ.+