Marko
13 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ! aboɔ ne adan bɛn ara nie!”+ 2 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mohunu adan akɛseɛ yi?+ Wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ+ so wɔ ha ɛkwan biara so a wɔnnwiri ngu fam.”+
3 Na ɔte Ngo Bepɔ no soɔ a n’ani tua asɔrefie no, Petro+ ne Yakobo ne Yohane ne Andrea firii aseɛ bisaa no kokoam+ sɛ: 4 “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ berɛ a ɛtwa sɛ nneɛma yi ba awieeɛ no ho sɛnkyerɛnne?”+ 5 Enti Yesu firii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ yie na obiara annaadaa mo.+ 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+ 7 Bio nso, sɛ mote ɛko ne ɛko ho amanneɛbɔ a, mommmɔ hu; ɛtwa sɛ yeinom sisie, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.+
8 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahennie atia ahennie,+ na asasewosoɔ+ bɛba mmeammea, na aduankɔm+ bɛba. Yeinom yɛ awoko yea mfitiaseɛ.+
9 “Mo deɛ, monhwɛ mo ho yie; nkurɔfoɔ bɛyi mo ama badwafoɔ,+ na me nti wɔbɛhwe mo hyia adan+ mu na wɔde mo agyina amrado ne ahemfo anim, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.+ 10 Afei nso ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa+ no wɔ amanaman nyinaa mu kane.+ 11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho;+ na mmom deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no mu no, ɛno ara na monka, na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.+ 12 Bio nso, onua bɛyi onua ama na wɔaku no, na papa ayi ɔba ama,+ na mma bɛsɔre atia awofoɔ na wɔama wɔaku wɔn;+ 13 na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.+ Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ+ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+
14 “Nanso sɛ mohunu akyiwadeɛ+ a ɛbɔ man+ no sɛ ɛgyina deɛ ɛnsɛ sɛ ɛgyina a (ma ɔkenkanfoɔ no mfa nhunumu nyɛ adwuma),+ afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so.+ 15 Mma deɛ ɔwɔ ɛdan atifi no nnsi fam nnkɔ ne fie nnkɔfa hwee mmfiri hɔ;+ 16 na mma deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsan mmma nneɛma a wagya no akyire ho sɛ ɔrebɛfa n’atadeɛ ngugusoɔ.+ 17 Nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ 18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ na ansi awɔ berɛ mu;+ 19 na saa berɛ no bɛyɛ ahohiahia+ berɛ a ɛfiri abɔdeɛ a Onyankopɔn bɔeɛ no mfitiaseɛ de bɛsi saa berɛ no ebi nsiiɛ, na ebi nso remma bio.+ 20 Nokorɛm no, sɛ Yehowa+ antwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa. Nanso wɔn a wayi+ wɔn no nti ɔbɛtwa nna no so.+
21 “Afei nso, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo wɔ ha,’ ‘Hwɛ! Ɔno na ɔwɔ hɔ no’+ a, monnnye nnni.+ 22 Na atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ,+ na sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔde atwe wɔn a wɔayi wɔn no.+ 23 Enti monhwɛ+ yie; madi kan aka biribiara akyerɛ mo.+
24 “Nna no mu, saa ahohiahia no akyi no, awia bɛduru sum na bosome renhyerɛn, 25 na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ 26 Na afei wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 27 Na ɔbɛsoma abɔfoɔ ama wɔabɛboaboa wɔn a wayi+ wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, firi asase ano akɔsi ɔsoro nohoa.+
28 “Afei monsua biribi mfiri borɔdɔma dua mfatoho no mu: Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi ahahan ara pɛ a, monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 29 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi rekɔ so a, monhunu sɛ wabɛn apono ano.+ 30 Nokorɛm mese mo sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ yeinom nyinaa bɛba mu.+ 31 Ɔsoro+ ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm+ rentwam.+
32 “Ɛfa saa da anaa dɔn no ho deɛ, obiara nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no.+ 33 Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn,+ ɛfiri sɛ monnim berɛ a wɔahyɛ no.+ 34 Ɛte sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan+ a ɔgyaa ne fie na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa, maa wɔn mu biara adwuma, na ɔhyɛɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no sɛ ɔnkɔ so nwɛn. 35 Enti monkɔ so nwɛn,+ ɛfiri sɛ monnim berɛ a efiewura no reba, sɛ ɛyɛ adesaeɛ* anaa dasuom* anaa akokɔbɔneeɛ* anaa ahemadakye;*+ 36 na sɛ ɔba mpofirem a, wammɛto mo sɛ moadeda.+ 37 Na deɛ mereka akyerɛ mo yi mereka akyerɛ nnipa nyinaa, monkɔ so nwɛn.”+