Exodus 20:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.+ Deuteronomium 5:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie,+ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. Efesofoɔ 6:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ Awurade mu,+ na yei na ɛtene:+ Kolosefoɔ 3:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ adeɛ nyinaa mu, na yei na ɛsɔ ani Awurade mu.
16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie,+ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.