Marko 1:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!”+ Marko 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na mprɛ pii no ɔbaraa wɔn sɛ wɔmmma nkurɔfoɔ nnhunu onipa korɔ a ɔyɛ.+ Asomafoɔ Nnwuma 16:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Abaayewa yi dii yɛne Paulo akyi teateaam+ sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa a wɔreka nkwagyeɛ kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” Asomafoɔ Nnwuma 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paulo ahomete+ na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ firi ne mu fi.”+ Na ɔfirii ne mu dɔn no ara.+
17 Abaayewa yi dii yɛne Paulo akyi teateaam+ sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa a wɔreka nkwagyeɛ kwan no ho asɛm akyerɛ mo.”
18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paulo ahomete+ na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ firi ne mu fi.”+ Na ɔfirii ne mu dɔn no ara.+