Mateo 4:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Enti nnipadɔm pii dii n’akyi firii Galilea+ ne Dekapoli ne Yerusalem+ ne Yudea ne Yordan agya. Marko 3:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no firi hɔ kɔɔ mpoano; na nnipakuo kɛseɛ firii Galilea ne Yudea dii n’akyi.+ Yohane 6:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na nnipakuo kɛseɛ bi kɔɔ so dii n’akyi, nsɛnkyerɛnne a wɔhunuu sɛ ɔreyɛ no wɔn a wɔyareɛ ho nti.+