Dwom 50:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Frɛ me ahohia da.+Na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.”+ Yeremia 33:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 ‘Frɛ me, na mɛgye wo so,+ na mɛka nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a wonte aseɛ na wonnim akyerɛ wo.’”+ Marko 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+ Yohane 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.+ Yakobo 1:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Nanso ma no nkɔ so mmisa+ wɔ gyidie mu; ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ ɛfiri sɛ deɛ n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ+ de no di akɔneaba. 1 Yohane 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 na biribiara a yɛbisa no,+ yɛnya firi ne hɔ, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.+ 1 Yohane 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yɛbisa sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ no, ɔtie yɛn.+
24 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+
6 Nanso ma no nkɔ so mmisa+ wɔ gyidie mu; ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ ɛfiri sɛ deɛ n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ+ de no di akɔneaba.