Dwom 18:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Wo na wogye mmɔborɔfoɔ man;+Na aniwa a ɛyɛ ahantan deɛ, wobɛbrɛ no ase.+ Mmebusɛm 29:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔdasani ahantan na ɛbɛbrɛ no aseɛ,+ na deɛ ne honhom dwoɔ no bɛnya animuonyam.+ Mateo 23:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase,+ na obiara a ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.+ Yakobo 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”+
6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”+