63 Nanso Yesu yɛɛ dinn.+ Enti ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mese wo sɛ ka nokorɛ wɔ Onyankopɔn teasefoɔ no anim;+ sɛ wone Kristo,+ Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
18 Yei koraa na ɛmaa Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛku no,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ Homeda nko na na ɔrebu soɔ, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya,+ yɛɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.+