10 “Na mɛhwie adom+ ne nkotɔsrɛ+ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na sɛ wɔhwɛ Deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no+ no a, wɔbɛsu no yayaaya te sɛ deɛ wɔsu Obi a wɔdi no bakorɔ, na wɔbɛtwa ne so adwo yayaaya sɛdeɛ wɔtwa abakan so adwo no.+
49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: “Monnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”+ [[Obi foforɔ faa pea de wɔɔ ne mfe mu maa mogya ne nsuo firi baeɛ.]]+
25 Enti asuafoɔ nkaeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhunu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu na mamfa me nsa anka ne mfem a,+ merennye nni da.”+
7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa bɛhu no,+ ne wɔn a wɔhwiree ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuo nyinaa de awerɛhoɔ bɛbobɔ wɔn kokom.+ Aane, Amen.