10 “Na mɛhwie adom+ ne nkotɔsrɛ+ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na sɛ wɔhwɛ Deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no+ no a, wɔbɛsu no yayaaya te sɛ deɛ wɔsu Obi a wɔdi no bakorɔ, na wɔbɛtwa ne so adwo yayaaya sɛdeɛ wɔtwa abakan so adwo no.+
7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa bɛhu no,+ ne wɔn a wɔhwiree ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuo nyinaa de awerɛhoɔ bɛbobɔ wɔn kokom.+ Aane, Amen.