4 Ɛrentumi mma saa da! Na mmom momma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ,+ ɛwom, onipa biara bɛyɛ ɔtorofoɔ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ a wobɛdi bem wo nsɛm mu, na sɛ wɔbu wo atɛn a woadi nkonim.”+
10 Deɛ ɔgye Onyankopɔn Ba no die no ara nya adanseɛ+ no. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no ayɛ ɔtorofoɔ,+ ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn, sɛ ɔdanseni+ no, adi+ wɔ ne Ba no ho no anni.