24 Agya, deɛ wode ama me no deɛ, mepɛ sɛ anka baabi a mewɔ no, wɔn nso bɛka me ho,+ na wɔahunu animuonyam a wode ama me no, ɛfiri sɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.+
17 Na sɛ yɛyɛ mma deɛ a, yɛyɛ adedifoɔ nso: nokorɛm no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifoɔ, ne Kristo mfɛfoɔ adedifoɔ,+ nanso gye sɛ yɛne no hunu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no animuonyam.+
16 ɛfiri sɛ Awurade no ara de nteamu a emu yɛ den, ɔbɔfo panin+ nne ne Onyankopɔn totorobɛnto+ bɛsiane afiri soro,+ na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛdi kan asɔre.+
8 Ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no, deɛ ɛda hɔ retwɛn me ne tenenee ahemmotire+ a Awurade, ɔtemmufoɔ teneneeni no,+ de bɛma me sɛ akatua+ saa da no,+ na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso.