21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a,+ anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ.+
23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ gyina fapem+ no so na motintim+ a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa a moteeɛ+ a wɔaka ho asɛm+ wɔ abɔdeɛ+ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu ho anidasoɔ no ho. Saa asɛmpa yi na me Paulo, mabɛyɛ ho ɔsomfoɔ.+