Yohane 13:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ Yohane 15:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ+ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi Agya no ahyɛdeɛ so+ na mete ne dɔ mu no. Yakobo 1:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ,+ na monnyɛ atiefoɔ nko mmfa nsusuiɛ hunu nnnaadaa mo ho.+ 1 Yohane 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ;+ na n’ahyɛdeɛ nyɛ den,+