11 “Afei nso, menni wiase bio, na wɔn deɛ, wɔwɔ wiase+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so+ na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.+
3 deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛreka akyerɛ mo nso,+ na mo nso mo ne yɛn anya ayɔnkofa.+ Bio nso saa ayɔnkofa+ yi wɔ yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo ntam.+
24 Bio nso deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no ne no yɛ baako, na ɔno nso ne onii no yɛ baako;+ na deɛ ɛma yɛhunu sɛ ɔne yɛn yɛ baako+ ne honhom+ a ɔde maa yɛn no.