2 kɔkaa sɛ ɔmma no nkrataa a ɔde bɛkɔ Damasko hyia adan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi akye* obiara a ɔbɛhunu sɛ ɔnam Ɛkwan No soɔ,+ mmarima ne mmaa, de wɔn aba Yerusalem.
9 Nanso berɛ a ebinom pirim wɔn akoma na wɔannye annie,+ na wɔkekaa Ɛkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim no, ɔtwee ne ho+ yii asuafoɔ no firii wɔn mu,+ na daa na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu.